(Sung in Twi)
Osu a mesuueɛ yi (You delivered me)
Woayi me afiri mu o (From my tears)
Amaneɛ a mekɔɔ mu yi (You saved me)
Nyame, Woayi me afiri mu o (From my troubles, Lord)
Yɛsum fidie maa me (Traps were set for me)
Yɛtuu amena maa me (Pits were dug for me)
Yɛkaa ntam guu me so sɛ (They swore that)
Me enyɛ yie da wɔ abrabɔ yi mu (I would never make it in life)
Refrain: Aceda, mefiri m’akoma mu nyinaa, meda wo ase o (Thank You Lord, From the bottom of my heart, I thank You)
Nso monhwɛ nea Nyame ayɛ (But see what God has done)
Deɛ Woayɛ yi ɛsɔ m’ani o x2 (I appreciate what You have done for me)
Oboni a, nti Nyame (A barren one like me)
Ɛnnɛ deɛ me nso manya afunu awo ba (Me that did not matter at all, today I’m fruitful)
Ɛnnɛ, me nso yɛreba abɛyɛ me ho adeɛ (Today I am also getting married)
Nyame, Wowɔ hɔ, Woate Agya ei Woayɛ bi o (God You are mysterious, You have done well)
Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi (All of my prayers )
Ɛso aba mfasoɔ ama me (Have become beneficial)
Akɔmkyere a mekyereeɛ yi (All my fasting)
Ɛso aba mfasoɔ ama me, ah (Have become beneficial)
Sɛ menim sɛ Wobɛyɛ me sei a (If I had known these were your plans for me)
Anka mansu da (I would not have shed tears)
Menim sɛ Wobɛyɛ me sei a (If I had known these were your plans for me)
Agya, nka mankasa antia Wo da (I wouldn’t have spoken against You my father)
Mese adeɛ a Woayɛ yi deɛ, aseda (For what You have done, thank You)
Mefiri me honam mu nyinaa (With all that I am, I thank you)
Me deɛ, meda Wo ase o, eh (Thank You Lord)
Aseda ei, mefiri me nipadua mu nyinaa (Thank You, with all that I am )
Meda Wo ase o (I Thank You Lord)
M’aseda nwom nie (This is my thanksgiving song)
Refrain: Aceda, mefiri m’akoma mu nyinaa, meda wo ase o (Thank You Lord, From the bottom of my heart, I thank You)
Deaa Woayɛ yi ɛsɔ m’ani o (I appreciate what you have done for me)
Woayɛ yi ɛsɔ m’ani ɛsɔ m’ani (I thank you for what you have done for me )
Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi (All of my prayers )
Ɛso aba mfasoɔ ama me (Have become beneficial)
Afɔdeɛ a meyiiɛ yi (All my offerings)
Ɛso aba mfasoɔ ama me (Have become beneficial)
Menim sɛ Wobɛyɛ me sei a (If I had known these were your plans for me)
Anka manwiinwin (I would not have murmured)
Nyame, menim sɛ Wobɛhyira me ama no abu so deaa (God, if I had known you would bless me this abundantly)
Anka mankasa antia Wo da (I would not have spoken against you)
Mese m’aseda nsa da o (My thanksgiving will never end)
Refrain: Aceda, mefiri m’akoma mu nyinaa, meda wo ase o (Thank You Lord, From the bottom of my heart, I thank You)
Yɛmfa N’aseda mma no woate? Ah (Who else deserves my thanksgiving?)
Woayɛ yi, ɛboro me so o, eh (I am overwhelmed with what you have done)
Ɛboro me so o x2 (I am overwhelmed)
Ɛboro me so, yɛrekɔ a metumi kɔ bi o (Today I am also honored among men)
Obonin a ɔte sɛ me ei (A barren one like me)
Odwamanmmɔni a bi te sɛ me (A fornicator like me)
Adedamfikire bi ɔte sɛ me (An outcast like me)
Meda Wo ase (I thank You)