Original Lyrics here
(Sung in Akan (Twi)

Ɛyɛ me Nyame me na maka sɛ wobɛyɛ kɛse o
(It is I the Lord who has told you that you will be a blessing)
Kɔsi sɛ, me ba ei, wobɛyɛ kɛse paa
(I will make you a blessing and then a greater blessing)
Ɛyɛ Jesus me na maka sɛ wobɛyɛ nhyira o
(I Jesus who has told you that you will be a blessing)
Kɔsi sɛ, me ba ei, wobɛyɛ nhyira paa
(I will make you a blessing and then a greater blessing)

Mese, ɛyɛ Jesus me na maka o, sɛ me deɛ mɛyɛ wo kɛse
Kɔsi sɛ, me ba ei
ɛyɛ me na maka sɛ
Wobɛyɛ kɛse woate, kɔsi sɛ, me ba ei, wobɛyɛ kɛse paa, woate

Wobɛyɛ kɛse, kɔsi sɛ, me ba ei, wobɛyɛ kɛse paa
ɛyɛ anigyesɛm a Nyame se menka nkyerɛ woate,
Wobɛyɛ kɛse. wobɛyɛ kɛse

Sɛ wotena me nan ase kɔsi awieyɛ a
Mɛyɛ wo nhyira o, mɛyɛ wo nhyira o, mɛyɛ wo nhyira
Afe yi, apam a, me no wo abɔ nie, me ba ei
Wo ne wasefoɔ nyinaa bɛyɛ nhyira, nhyira, nhyira, nhyira woate

ɛyɛ me Nyame na maka sɛ
Wobɛyɛ kɛse, kɔsi sɛ, me ba ei, wobɛyɛ kɛse paa
Afe yi, me ba ei, wobɛyɛ kɛse
Wobɛyɛ nhyira o, kɔsi sɛ, me ba ei, wobɛyɛ nhyira paa

ɛyɛ Jesus me na maka sɛ, wo deɛ wobɛyɛ nhyira
Biribiara ntumi nsi ano kwan woate
Adom Nyame na woaka sɛ wobɛyɛ kɛse, kɔsi sɛ, me ba ei

Na sɛ wobɛtie me Nyame a, na wobɛyɛ a
Mede wei dɔm nyinaa bɛka wo ho o
Wobɛyɛ nhyira, w’adwuma bɛyɛ nhyira
ɛyɛ Yehowah me na maka sɛ, wobɛyɛ kɛse, wobɛyɛ kɛse, wobɛyɛ kɛse, me ba ei

Na sɛ wobɛtie me na wobɛyɛ a
Mede wei nyinaa bɛka ho o
Wo fie bɛyɛ nhyira, w’adwuma bɛyɛ nhyira

Me na mefa nipa firi sumina so
Mebɛto wo pono wɔ w’atanfo anim

Adom Nyame, me na maka sɛ

Thank You Jesus

Advertisement